Matthew 27

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

1Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ. 2Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.

Yuda ahonu

3Saa bere no ara mu, Yuda a oyii Yesu mae no hui sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,

4“Mayɛ bɔne, efisɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.”

5Ɔtow sika no guu asɔredan no mu fii hɔ kɔhyɛɛ hama. 6Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ, yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”

7Wodwinnwen ho sii no gyinae sɛ wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu hɔ dɔte de nwene nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no. 8Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya asase” de besi nnɛ no. 9Eyi maa nea odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee nnwetɛbona aduasa, bo a Israelfo sesee sɛ odi 10ɛnna wofi mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.

Yesu gyina Pilato anim

11Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma Amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Agyenkwa no anaa?”

Yesu buae se, “Yiw.”

12Nanso, bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no anaa?”

14Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.

Wobu Yesu kumfɔ

15Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara, Twam Afahyɛ no mu, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no. 16Saa afe no mu, na onipa debɔneyɛfo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. 17Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo? Baraba, anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” 18Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu, efisɛ, na wʼagye din.

19Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi, efisɛ, anadwo yi mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”

20Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu. 21Enti, bere a amrado no san bisaa wɔn bio se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” no, dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”

22Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛnne dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennuam!”

23Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyeee so ara se, “Bɔ no asennuam! Bɔ no asennuam!”

24Afei Pilato hui sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”

25Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma tiri so.”

26Afei, Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wiei no, ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asennuam.

Yesu ho fɛwdi

27Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ. 28Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, 29ɛnna wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fitii ase, bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.” 30Wɔtetew ntasu guu ne so, na wogyee dua no fii ne nsam, de paa ne mpampam.

31Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa nʼatade no san hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asennuam. 32Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennuam hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

33Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota a nʼasekyerɛ ne “Nitiri So.” 34Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenenwene bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.

35Afei wɔbɔɔ no asɛnnuam. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae. 36Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase, wɛn no. 37Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se, “Yesu, Yudafo Hene no ni.”

38Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asɛnnuam kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.

Wodi Yesu a ɔsɛn hɔ no ho fɛw

39Nnipa a wotwaam faa faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, dii Yesu ho fɛw se, 40“Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na wuse woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnne sian fi asɛnnua no so si fam na yɛnhwɛ ɛ!”

41Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bɛdii ne ho fɛw se, 42“Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asɛnnua no so si fam na yennye wo nni. 43Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ”

44Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennuam no nso fitii ase dii ne ho fɛw.

Yesu wu

45Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔn abiɛsa.

46Ɛbɛyɛ nnɔn abiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛm dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”

47Wɔn a wogyina hɔ no bi ante ase susuwii sɛ ɔrefrɛ Elia. 48Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenenwene bi mu, de tuaa dua bi ano de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. 49Nanso, nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no anaa.”

50Afei, Yesu teɛɛm dennen bio, gyaa ne honhom mu wui. 51Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu Kronkron mu Kronkron no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan mu paapaee. 52Adamoa so buebuei, maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee. 53Yesu wusɔre akyi no, wofifii wɔn adamoa mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.

54Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asasewosow ne nsɛm a esisii hɔ no, wɔn koma tui yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”

55Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti wodii nʼakyi fi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. 56Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo, Yohane ne Yosef wɔn na. Na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso wɔn na ka wɔn ho.

Wosie Yesu

57Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu kyidini no, 58kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. 59Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, 60na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ. 61Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.

Wɔwɛn ɔboda no

62Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosieisie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn, 63kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kae bere bi se, ‘Nnansa akyi no, mɛsan aba nkwa mu bio.’ 64Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔtare ɔda no ano nkosi nnansa sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no rentwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a, anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.”

65Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mowɔ awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”

66Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛnee sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rentumi nkowura hɔ nkowia amu no.

Copyright information for TwiNAK